Isaac Adongo (wɔwoo no Ahinime 12, 1972) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Ghana Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so 8 no muni a ɔgyina Bolgatanga Mfinimfini Mansin a ɛwɔ Atifi Apuɛɛe Mantam ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so.
Adongo firi Bolgatanga. Ɔyɛ obi a wawie Institute of Chartered Accountants ne University of Ghana.
Wɔdii kan paw no wɔ afe 2016 mu na wɔsan paw no wɔ afe 2020. Onyaa amanaman ntam agyedeɛ wɔ afe 2022 mu sɛ ɔde atirimɔdensɛm dii defender of Manchester United ne England ɔman kuw, Harry Maguire, na ɔde no totoo Ghana ɔmampanyin Abadiakyiri, Mahamudu Bawumia ho, denam ka a ɔkae sɛ ɔyɛ ‘Sikasɛm mu Maguire’ a ɔbɔ n’ankasa bɔɔl wɔ ɔman no sikasɛm mu no so.